Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 48:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 48:13
18 Referencias Cruzadas  

Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?


Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


Ɔkyerɛ nsoromma dodoɔ ano, ɔtoto wɔn nyinaa din.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?


Monhunui anaa? Montee anaa? Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo anaa? Ɛfiri asase nnyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ anaa?


Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;


Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu, na mehyɛɛ mu asafo nyinaa.


Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu de ɔsoro trɛɛ hɔ.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios