Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 47:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saa nneɛma abien yi bɛto wo prɛko pɛ, da koro pɛ: awommawu ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo prɛko pɛ, dakoro pɛ: abawuo ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayie a emu yɛ den nyinaa akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, mpofirim da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma ayɛ hu, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den rentumi nyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 47:9
26 Referencias Cruzadas  

Hwɛ sɛ wɔadane sɛ amamfo seesei ara, ehu ama wɔawie sa.


na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔ wɔn anim, wɔbɛfomfom wɔn afie afa, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.


na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.


Na mmusuo bɛto wo a worenhunu yi; na abuo bɛbu wo a worentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ, worenni no hunkan.


ɔbaa a wawo nson ahodwo, watɔ piti; adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ, n’ani awu na n’anim agu ase; na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena, wɔn atamfoɔ anim, AWURADE asɛm nie.


Na asase no woso na ɛpopo, ɛfiri sɛ AWURADE tirimbɔ no ba mu, Babel ho, sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte soɔ.


Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.


Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.


Yei nyinaa firi Ninewe, odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no, ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Na wɔn baanu no, Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbaa no (Naomi) nko, ne ne mma baanu no, ne kunu wuo no akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios