Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 47:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Afei tie, wo oguamanfo, woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu na woka kyerɛ wo ho se, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafo da na merenni awommawu.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Afei tie, wo odwamanfoɔ, woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafoɔ da na merenni abawuo.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na afei tie eyi ɛ, ɔhodomfo a wote hɔ gye w’ani, na wote hɔ dwoodwoo no, wo a wuse wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio, merentena kuna mu, na merenni mmasigyaw.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 47:8
36 Referencias Cruzadas  

mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.


Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa, momfa ayitoma mmobɔ mo asene.


Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me! Mmammaa a mo ho dwo mo ho no, monyɛ aso mma m’asɛm.


Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.


Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me,


na wɔahunu afiri awiapueeɛ, ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.


Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.


Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm nie. Wɔnni apono ne akyire adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ.


Ɛfiri sɛ mo ani gyee, na modii ahurisie, mo a mofomm m’agyapadeɛ no, na moduabo sɛ nantwiburuwa, ɛserɛ mono mu, na mosuu sɛ apɔnkɔ akunini.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


ɛne wo, ɔhene a woso na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kɔduru soro na wo tumidie duru asase ano no.


Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu;


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.


Yei nyinaa firi Ninewe, odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no, ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.


Wɔn ho yɛ ahomete ne hu, wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ.


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Na wɔn deɛ, wɔfaa nnoɔma a Mika yɛeɛ no ne ɔsɔfoɔ a ɔnyaeɛ no kɔ kɔduruu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔde ogya hyee kuro no.


Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios