Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 47:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Me bo fuw me nkurɔfo, na miguu mʼagyapade ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhu wɔn mmɔbɔ. Nkwakoraa koraa mpo, wosoaa wɔn konnua duruduru.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Me bo fuw me man, mihuraa m’agyapade ho, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn, nkwakoraa ne mmerewa so po womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 47:6
28 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.


Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Na AWURADE diyifoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Ɔno na ɔfirii adi kɔhyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuo a ɛsɔre tiaa Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuro kɛseɛ akunkum wɔn.


Na ɔyii Kaldeafoɔ hene no baa wɔn so, na ɔde nkrantɛ bɛkunkumm wɔn mmeranteɛ, wɔ wɔn kronkronbea fie, na wanni aberanteɛ ne ababaa, akɔkoraa ne deɛ wafu dwono ho adɔna, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,


Na ɛnam sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babelhene Nebukadnessar, Kaldeani no nsa, na ɔbubuu efie yi, na ɔtutuu ɔman no kɔɔ Babel.


Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.


Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ, na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa, na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔ wɔn anim, wɔbɛfomfom wɔn afie afa, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.


Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ, na ɔdwiridwirii emu nkuro, na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie?


ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman ɔbɔ a ɛnnyaeɛ, ɔde abufuo hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.


Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa.


Ɔde ne nsa akyekyere me mmaratodeɛ ayɛ no kɔnnua; ɛtoatoa mu gu me kɔn mu, wama m’ahoɔden asa, AWURADE ayi me ahyɛ wɔn a mentumi nnyina wɔn anim no nsa,


Wɔte sɛ meresi apini, nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ; m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ; wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me.


AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.


AWURADE ankasa na apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfoɔ anim, mpanin anim amma nyam.


Wɔde wɔn nsa sensɛne mmapɔmma, wɔnni mpanin ni.


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.


Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwuo bɛkata wo ho, na wɔatwa wo atwene akɔsi daa.


Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no, saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa, na amanehunu no bɛmene wɔn na w’ase ahye koraa.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no bisaa sɛ: Asafo AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson nie?


na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akɔkoraa anim na aberanteɛ nyɛ wɔn mmɔbɔ.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios