Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 47:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so na waka se, ‘Obiara nhu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan bere a woka kyerɛ wo ho se, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so na waka sɛ, ‘Obiara nhunu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na wode wo ho too wo bɔne mu kae sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, ma wokae wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 47:10
23 Referencias Cruzadas  

Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea, na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.


Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie, wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn?


Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya.


Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.


Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mma onyansafoɔ nnhyehyɛ ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfoɔ nnhyehyɛ ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefoɔ nso nnhyehyɛ ne ho n’ahodeɛ ho,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.


Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea,


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios