Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 45:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mede sum mu ademude bɛma wo ahonyade a wɔde asie kokoa mu sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo; na woahu sɛ me, AWURADE, mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no, Israel Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 45:3
15 Referencias Cruzadas  

Na afei, AWURADE Israel Nyankopɔn ma w’asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa Dawid no ntim.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, wo ara na woaka akyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma menhunu deɛ wobɛsoma no na ɔne me akorɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din menim wo, na woanya m’anim animuonyam nso.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din menim wo.


Monka deɛ ɛbɛba daakye no nkyerɛ yɛn na yɛnhunu sɛ anyame ne mo; aane, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiri yɛn na yɛnsuro.


Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.


Me, me na maka, nso mafrɛ no. Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.


Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.


Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.


Momfiri ano nohoa mmra ne so, monhini n’asan, monsesa ngu hɔ sɛ ayuo akuakuo, na monsɛe no pasapasa, mommma biribiara nnka mmma no.


Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so, na wɔadanedane mmaa; afena wɔ n’akoradeɛ so na wɔafom afa.


O, wo a wote nsuo bebree soɔ a w’akoradeɛ dɔɔso no, w’awieeɛ aba, deɛ wɔasusuo a wɔbɛtwa no wo soɔ no aduru so.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios