Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 44:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura; wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ahonidwumfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 44:9
43 Referencias Cruzadas  

na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko ara, na wɔasɛe wɔn.


Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma.


Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.


Wɔn a wɔyɛ wɔn bɛyɛ sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.


Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛɛ yɛ adehuhuo; akyiwadeɛ ne deɛ ɔfa mo.


Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee; wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.


Na wɔn a wɔde wɔn ho ato abosom soɔ no, wɔbɛsane wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu; wɔn a wɔka kyerɛ eguo ahoni sɛ: Mone yɛn anyame no.


Asotifoɔ, montie! na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu!


Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra, ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no.


Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!


Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase, ahonidwumfoɔ nyinaa bɛbom ayɛ ahohora.


Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.


Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu;


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ.


Sɛdeɛ wɔkyere owifoɔ a n’ani wuo no, saa na Israel fie ani bɛwuo, wɔn, wɔn ahemfo, wɔn asafohene ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ


Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea,


Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.


Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!


na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no.


Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios