Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 44:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛɛ na Awurade se, nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro Yakob, me somfo, Yeshurun, a mapaw no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sei na Awurade seɛ, deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ, Yeshurun, a mapa noɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ wo, na ɔnwenee wo fii yafunum na ɔboa wo no se ni: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mapaw wo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 44:2
29 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso, Onyankopɔn boa no anɔpahema.


Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ, woyii me firii me na yam, wo na mɛyi wo ayɛ daa.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ!


Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.


ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;


obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.


Kae yeinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel. Me werɛ remfiri wo.


Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;


Sɛ AWURADE, Israel Kronkronni ne ne Yɛfoɔ no seɛ nie: Mobɛbisa me wɔ nnoɔma a menyɛ wɔ me mma ho, anaasɛ, mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?


Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.


Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo, na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho; mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman.


Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


na ɔyɛɛ Yesurun mu hene, ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.


Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yɛnim mo yie a wɔayi mo,


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios