Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 43:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano, na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem, sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem, sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. Mo mu hena na ɔbɛka eyi? Na kan nneɛma no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware!

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 43:9
17 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.


Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.


Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie: Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom? Deɛ AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho, na ne basa atia Kaldeafoɔ.


Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ, na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate; mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.


Monyɛ ntɛm mmra ɛ, mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa, mommɛhyia! Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios