Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 43:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo nti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo enti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 43:4
23 Referencias Cruzadas  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.


Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


Madɔ mo, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Wode deɛn na adɔ yɛn? Esau nyɛ Yakob nua? AWURADE asɛm nie; nanso medɔɔ Yakob,


Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ yei no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no ho.


na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu.


Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so,


Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim,


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios