Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 42:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanuonyam mma obi anaa mʼayeyi mma ahoni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 42:8
16 Referencias Cruzadas  

monto dwom mma ne din animuonyam, monhyɛ no animuonyam nyi no ayɛ.


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ;


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.


Me, mene AWURADE, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


Me nti, me nti na meyɛ; ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn? Meremfa m’animuonyam memma obi.


enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ; ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ, me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.


Woate; hwɛ yei nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ, ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no;


Sei na AWURADE a ɔyɛ adeɛ yi, AWURADE a ɔsiesie ma no si hɔ no, a AWURADE ne ne din no seɛ:


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios