Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 40:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Obon biara bɛyɛ ma, bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Bɔnhwa biara bɛyɛ ma, bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔmmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 40:4
18 Referencias Cruzadas  

wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan danedane.


Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.


Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.


Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ adaban mu.


Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn.


Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa.


Na wiram nnua nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no aseɛ, na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn, mama duamono adwan na mama duawuiɛ afefɛ. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ.


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yi abotire no, na tu ahemmotire no; nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa. Ma deɛ abrɛ ase so, na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase.


Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase; na deɛ akyea no bɛtene, na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios