Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 40:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea paradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nne bi reteɛ mu se, “Munsiesie ɔkwan mma Awurade wɔ nweatam no so. Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so mma yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnne bi reteam sɛ, “Monsiesie ɛkwan mma Awurade wɔ anweatam no so. Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so mma yɛn Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so, monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 40:3
16 Referencias Cruzadas  

Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba, ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.


Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.


Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.


Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.


Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn.


Na wɔbɛka sɛ: Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan, monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɔse: Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ: Montene Awurade kwan! sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios