Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 40:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ. Saa na mo Nyankopɔn se.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ. Saa na mo Onyankopɔn seɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 40:1
29 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.


Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ, na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu.


esu wɔ ne berɛ, na sereɛ wɔ ne berɛ; abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ;


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.


Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.


Yerusalem amamfo, mommom nto anigyeɛ dwom, na AWURADE akyekyere ne man werɛ, wagye Yerusalem.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,


Na mɛma m’abufuhyeɛ no adwo wɔ wo ho, na me ninkuntwe afiri wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.


Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.


Pae mu bio ka sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nnepa bɛbu so me nkuro mu, na AWURADE bɛkɔ so akyekyere Sion werɛ, na ɔbɛkɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.


Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios