Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 39:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 39:7
10 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ no mu na Babelhene Nebukadnessar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔtuaa kuro no.


Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.


Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,


Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,


Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios