Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 38:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu, na worennya nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 38:1
16 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ; na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔbuaa no, na ɔmaa no nsɛnkyerɛnneɛ bi.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.


Na ɛbaa sɛ nna no mu no, ɔyaree, na ɔwuiɛ; na wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan mu.


Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.


Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ wɔ Asiriahene Sanaherib ho no,


Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,


Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɔkaa sɛ: Akokoaa no da so te aseɛ no, mebua dae na mesui, na mese: Hwan na ɔnim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akɔkoaa no anya nkwa;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios