Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 37:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne abususɛm da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 37:3
20 Referencias Cruzadas  

na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.


Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.


Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no.


Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel


O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ. Yɛ yɛn basa anɔpa biara, aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu.


Ɔnnya nkyemeeɛ no, na wawo; awoɔyea nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima.


Me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ɔseɛ. Anaa, me a mema wɔwoɔ no, mɛsi ano anaa? Wo Nyankopɔn na ɔseɛ.


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob. Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.


Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios