Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 34:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Awurade wɔ aweretɔ da ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da a ɔbɛdi ama Sion.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na AWURADE wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 34:8
24 Referencias Cruzadas  

Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!


W’adagya bɛda adi, na wɔahunu w’ahohora. Mɛtɔ were, na merenhunu onipa mmɔbɔ.


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,


Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.


Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afena bɛdidi amee, na wɔn mogya ama no abo, na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ, atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Montie deɛ AWURADE ka ɛ: Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim, na nkokoɔ ntie wo nne.


Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.


Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios