Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 34:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ, na wɔn asase bɛboro mogya, na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ, na wɔn asase bɛboro mogya, na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛse. Mogya afɔw wɔn asase no, na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛseɛ. Mogya bɛfɔ wɔn asase no, na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na nantwi a n’ani abere ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwi ne anantwinini akɛse, na wɔn asase bɛbow mogya, na srade ayɛ wɔn dɔte sɔɔsɔɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 34:7
15 Referencias Cruzadas  

Gye me firi gyata anomu, na ɛkoɔ mmɛn mu na wotie me.


Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.


Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so.


Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu, na memaa wɔboboroe, m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.


Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;


N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.


Ɛfiri sɛ mo ani gyee, na modii ahurisie, mo a mofomm m’agyapadeɛ no, na moduabo sɛ nantwiburuwa, ɛserɛ mono mu, na mosuu sɛ apɔnkɔ akunini.


Monkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wɔnsiane nkɔ okum mu. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da, wɔn asotwe berɛ adu.


na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo akɔduru mmepɔ ho, na woahyɛ nsubɔnhwa no mama.


Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.


Nnɔmmarima nam na mobɛdie, na asase so aberempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nnwanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan ayɛmmoa ara nko.


Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.


Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios