Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 34:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan: Eyinom mu biara renyera, obiara benya nea ɔka ne ho. Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan: Yeinom mu biara renyera, obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho. Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Monhwehwɛ AWURADE nhoma no mu nkan: Nneɛma no mu biako pɛ mpo renyera, ebiara sɛso remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 34:16
22 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na ɔno na ɔka a, ɛba mu, ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.


Fa w’akoma bra atentene ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.


na sɛ moampene na mote atua a, afena bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka.


O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire.


na Kedar mma mu nnɔmmarima tadua dodoɔ nkaeɛ no bɛsua, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn na aka.


Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael, mo bapɔmma no.


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.


Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios