Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 34:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma begye hɔ afa; patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so basabasayɛ susuhama ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma bɛgye hɔ afa; ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma wɔ Edom so, ɔde bɛsɛe ɔman no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa, na patu ne kwaakwaadabi atena hɔ; na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama, na amamfoyɛ sumpii bo asɛn so.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 34:11
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;


Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma, mayɛ sɛ amamfo so patuo.


Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.


Wɔaburi sakasaka kuro no, wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu.


Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo.


sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ,


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.


na mmoakuo abutubutu mu, mmoadoma nyinaa; nantwinoma ne apɛsɛ nso bɛtena n’adum no so; wɔte nnomaa su mpomma mu, ewira dodoɔ gugu aponnwa ase, na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ.


Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios