Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 32:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 32:5
8 Referencias Cruzadas  

Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefoɔ abu so nenam.


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne, sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.


Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa ne papa sɛ bɔne, wɔn na wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios