Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 32:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wohu no ani renkata bio, na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no, na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 32:3
14 Referencias Cruzadas  

Ɛda no, asotifoɔ bɛte nwoma mu nsɛm no, na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu ahunu adeɛ;


Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ, na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.


Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.


Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.


Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios