Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 32:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa, momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa, momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! Mompa mo ho ntama na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die; mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ! Mompa mo ho ntoma na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweaatam mmobɔ mo asen.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 32:11
23 Referencias Cruzadas  

Taamudifoɔ fɛdie ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.


Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wɔdii abooboo, na obiara anhyɛ n’ahokekadeɛ.


wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii.


Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


na wahyɛne abotan ntokuro ne aboɔ mpaepaeɛ mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.


Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.


Na ɛbɛba sɛ, ohwam ananmu na kankan bɛsie, na ntampehoma asi abɔsoɔ ananmu, na atipa asi mmɛsa ananmu, na ayitoma asi atadeɛ ananmu, na nhyehyeeɛ twa asi ahoɔfɛ ananmu.


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya.


Yei nti momfira ayitoma, montwa agyaadwo na mommɔ bena denden, ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so!


Hesbon, twa agyaadwoɔ, na wɔasɛe Ai. Raba mmammaa, monteam, momfira ayitoma ntwa adwo, na monkyinkyini afasuo no ntam, na Malkam rekɔ tukorɔ mu, n’asɔfoɔ ne ne mmapɔmma bɔ mu kɔ.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ ɛserɛ so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ, na mamfa sukɔm anku no.


Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma ma ne mmabaaberɛ mu kunu.


Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel; ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.


Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios