Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 32:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Afe ne akyire nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abateɛ to bɛtwa, nnuaba anoboa remma bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Afe ne akyire nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abateɛ to bɛtwa, nnuaba anoboa remma bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afe akyi nna kakra bi no mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; bobe twabere no bedi mo huammɔ, nnuaba no twabere nso remma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Afe ne akyi nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abatew to betwa, nnuaba anoboa remma bio.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 32:10
14 Referencias Cruzadas  

na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.


Na ɛbɛba sɛ ɛda no, baabiara a bobe apem a kane ɛdi nnwetɛbena apem wɔ no bɛdane nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko.


Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenhunu esia esia bobe ho, anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so, na ahahan mpo adwinnwan, na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa.


Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu.


Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu, na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo, nsamono nti, ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.


Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapempane me borɔdɔma mman; wɔawaewae ho hono agu, na ne mman ho ahoa fitafitaa.


Na borɔdɔma rengu nhyerɛne, na aba biara nni abobe so; na ngodua soɔ di hwammɔ, na mfuo mma aduane, na nnwan to twa firi ban mu, na nantwie biara nni adan mu mpo a,


Na wɔn ahonyadeɛ bɛdane fomfa adeɛ, na wɔn afie adeda mpan. Wɔbɛsisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios