Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 30:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn, kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so sɛnea nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Afei kɔ na kyerɛw gu ɔpon bi so ma wɔn, na kurukyerɛw hyɛ nhoma mu, na ɛntena hɔ nkosi daa daa, na ɛnyɛ adansedi afebɔɔ

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 30:8
22 Referencias Cruzadas  

Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.


Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.


AWURADE abufuo no rensane kɔsi sɛ ɛbɛwie na ama n’akoma mu adwene agyina; nna a ɛdi akyire no mu no na mobɛhunu mu pefee.


Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ woɔ yi hyɛ nwoma mu fa.


Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu.


Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu.


Nso mede Moab nnommum bɛsane aba, nna a ɛdi akyire no mu, AWURADE asɛm nie. Deɛ Moab atemmuo no aso ne ha.


Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa.


na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog!


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Na AWURADE buaa me sɛ: Twerɛ adehunu no, na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so, na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so.


Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa menkyerɛ wo deɛ ɔman yi bɛyɛ wo man nna a ɛdi akyire no mu.


Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu.


Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no.


Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.


Sɛ mokɔ ahohiahia mu na nnoɔma yi nyinaa to mo nna a ɛdi akyire no mu a, mobɛsane aba AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie ne nne;


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba


sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛberɛ a ɛdi akyire no mu no, fɛdifoɔ bɛba a wɔbɛdi wɔn ara wɔn amumuyɛ akɔnnɔ akyire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios