Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 30:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 wɔn nyinaa ani bɛwu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho. Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara, na mmom aniwuo ne ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 wɔn nyinaa ani bɛwu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho. Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara, na mmom aniwuo ne ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 nanso wɔn nyinaa anim begu ase nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti, wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma, na mmom animguase ne ahohora.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 wɔn nyinaa ani bewu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso. Wɔrenyɛ wɔn ɔboa anaa mfaso bi, na mmom aniwu ne ahohora.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 30:5
7 Referencias Cruzadas  

Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


na mokaa sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane. Enti dwane na mobɛdwane! Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ. Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!


Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab.


Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


Hwɛ sɛdeɛ wonenam kwa danedane wo kwan! Misraim ho nso w’ani bɛwu, sɛdeɛ w’ani wuu Asiria ho no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios