Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 30:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔka kyerɛ adehufo se, “Munhu mo ani so ade bio!” ne adiyifo no nso se, “Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio! Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ: Munnhu ade! Na wɔka kyerɛ adiyifo nso sɛ: Monnhyɛ yɛn nea ɛteɛ ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monhyɛ nnaadaasɛm ho nkɔm!

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 30:10
39 Referencias Cruzadas  

Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.


Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.


Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.


Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?


Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.


AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.


Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa ne papa sɛ bɔne, wɔn na wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!


Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie,


Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so.


Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no.


afei, adɛn nti na woantwi Anatotni Yeremia a ɔhyɛ mo nkɔm no anim?


Na Yudahene Yehoiakim ho na ka no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo deɛ, woahye mmobɔeɛ yi aka sɛ: Adɛn nti na wotwerɛɛ emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na wahye ɛso nnipa ne mmoa ase?


Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm!


Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


Monnka adiyisɛm! Sɛdeɛ wɔkeka no ne no; wɔnnka yeinom ho adiyisɛm; ahohora remma.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni.


Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.


Na sɛ meka nokorɛ mekyerɛ mo nti, madane mo tamfoɔ anaa?


Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.


Na wɔbɛyi wɔn aso afiri nokorɛ ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


(Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios