Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 3:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 asokaa, nkapo ne nkataanim,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 nsomuadeɛ, nkapo ne nkatanimu,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 asom nnwinne ne nkapo ne animkata ntontan,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 3:19
14 Referencias Cruzadas  

Na yoma no wiee nsuo nom no, ɔbarima no yii sika hwenemkaa a ano si dwetɛbena fa ne nsa so nkapo mmienu a ano si sikabena du de hyɛɛ no.


Na ɔhunuu hwenemkaa ne ne nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛdeɛ ɔbarima no kasa kyerɛɛ me nie no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn. Na hwɛ, na ɔgyina yoma no nkyɛn, asubura no ho.


Na ɔsomfoɔ no yii dwetɛ nnwinneɛ ne sika kɔkɔɔ nnwinneɛ ne ntadeɛ de maa Rebeka; na ɔde nnoɔma a ɛsom boɔ maa ne nuabarima ne ne na.


Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafoɔ a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na ɔde siee dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.


Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na memfa mensi wo awowa? Na ɔse: Wo nsɔanokaa ne wo homa ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔkɔɔ ne ho, na ɔne no nyinsɛnee.


Na wɔkɔfaa Tamar baeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Ɔbarima a ne nnoɔma nie no, ne me na anyinsɛn. Na ɔse: Hwehwɛ mu na hwɛ, deɛ nsɔanokaa, homa ne poma yi yɛ ne dea?


Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmammaa aso mu mfa mmrɛ me.


Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn aso mu no de brɛɛ Aaron.


Na mmarima ne mmaa nyinaa, dodoɔ a wɔn akoma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne nsomuadeɛ ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔdeɛ brɛ AWURADE,


Ɛda no AWURADE bɛyi afɛfɛdeɛ no, nan ase nkaa, ntomaban, asranefa,


abotire, nan ntam ntweaban, abɔsoɔ, ohwam ntoaa, mmansere,


na mede ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo, na mede nkapo hyehyɛɛ wo nsa, na mede nkɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu,


na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.


enti na yɛde AWURADE ayɛyɛdeɛ reba yi, obiara a ɔnyaa sika nnwinneɛ, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, nsomuadeɛ ne kɔmuadeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios