Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 28:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa da no Asafo Awurade bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw, nhwiren abotiri fɛfɛ ama ne nkurɔfo nkae no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 28:5
21 Referencias Cruzadas  

Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:


Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.


Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.


Na deɛ wɔagya no Sion ne deɛ waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din afra ateasefoɔ mu, Yerusalem nyinaa,


Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ, na ahum abɔ apete. Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho.


AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.


Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.


Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.


na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.


Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,


Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios