Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 28:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so. Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so. Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue, kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 28:1
28 Referencias Cruzadas  

Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.


Na Remalia ba Peka kunkumm Yuda mu nnipa mpemha aduonu da koro, mmarima a wɔtumi wɔn ho ara nko, ɛnam sɛ wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn ntira.


Hwan na ɔwɔ amaneɛ mu, hwan na ɔwɔ awerɛhoɔ mu, hwan na ɔwɔ ntɔkwako ne abooboodie, hwan na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abereɛ?


Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.


Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di mmorosa akyire, wɔn a wɔsiri pɛ ma nsa bo wɔn!


Wɔnnue, nsanom mu akatakyie ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!


Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.


Na AWURADE bɛma Resin ahohiahiafoɔ so atia no, na wahwanyan n’atamfo:


AWURADE de asɛm bi akra Yakob, na ɛbɛtɔ Israel so,


na ɔman mu no nyinaa bɛhunu, Efraim ne Samariafoɔ a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:


Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono sɛe nteaseɛ.


Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ, na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn asunti.


Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.


Mahunu ahodwirideɛ Israel fie, ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.


Yɛn hene afahyɛ da mu no, nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ. Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.


na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dadeɛ, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere,


Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm!


na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.


Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.


Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios