Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 27:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini, na Israel afefɛ agu nhyerɛne, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini, na Israel afefɛ agu nhyerɛne, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim, Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim, Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 27:6
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔma no di kyinhyia sɛdeɛ n’akwankyerɛ teɛ, sɛ ɛnkɔyɛ deɛ ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani;


Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea pradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne;


nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.


Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba;


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a, wɔbɛsane ahye wɔn, sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam, nanso ne sini da so ara si hɔ berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.


Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua, na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.


Na wɔn mu na aseda nnwom ne agofoɔ nne bɛfirie; na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua, na mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔrenyɛ ketewa.


Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fie nyinaa, na wɔbɛtenatena nkuro no mu, na wɔakyekyere afoafo no.


Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios