Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 27:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 27:12
24 Referencias Cruzadas  

Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.


Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.


Na AWURADE aka sɛ: Mɛfa wɔn mafiri Basan maba bio, mede wɔn bɛsane afiri po bunu mu aba,


Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so, de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano.


Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngodua poreɛ mu a aba mmienu anaa mmiɛnsa wɔ ntɛntɛnoa, nnan anaa nnum wɔ ne ban a aso yie no soɔ no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.


Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.


Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra, AWURADE asɛm nie, na mene mo wura; na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu, na mede mo aba Sion.


Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo!


Na mɛyi mo afiri aman mu, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo so,


Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,


Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu, nanso ayufua rentɔ fam.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,


Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?


Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Na ɛtwam kɔ Asmon, na ɛkɔpue Misraim subonhwa no ano, na ɛkɔpem mpoano. Yei nyɛ mo anafoɔ fam hyeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios