Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 27:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam hɔ na nantwimma didi, hɔ na wɔdeda; wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so; ɛhɔ na anantwi mma didi, na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 27:10
24 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛgya Aroer nkuro, mmoakuo bɛfa na wɔbɛbutubutu hɔ, na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.


Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.


Wɔaburi sakasaka kuro no, wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu.


Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.


Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.


Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea pradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne;


Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?


Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo.


Na ɛda no, obi bɛyɛne nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi,


na mmepɔ a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyinaa no, nwerɛ ne nkasɛɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wɔbɛgyaa anantwie akɔ so, na nnwan atiatia so.


na asomdwoeɛ tenabea no ayɛ komm, AWURADE abufuo hyehyeɛ no anim.


Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


ɛno deɛ mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na mede kuro yi bɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ.


Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.


Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so.


mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkuro a wɔagya a adanedane fomfa adeɛ ne fɛdie ama amanaman nkaeɛ a ɛwowɔ ho hyia no,


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios