Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 26:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso wʼawufo benya nkwa; wɔn nipadua bɛsɔre. Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no, nsɔre mfa anigye nteɛ mu. Mo bosu te sɛ anɔpa bosu; asase beyi nʼafunu apue.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 26:19
37 Referencias Cruzadas  

Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam, na ne dunsini wu dɔteɛ mu a,


Me nhini mu bɛbue ama nsuo, na obosuo nso atena me mman so.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.


Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no, wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa, ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.


Wo a woma yɛhunu amaneɛ bebree a ɛyɛ ya, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afiri asase akunu mu asane aba.


Wɔbɛka w’adɔeɛ ɛda mu anaa wo nokorɛdie ɔsɛeɛ amena mu?


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.


Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu.


Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.


Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.


Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee,


ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no.


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan.


Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.


Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,


Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.


Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no,


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa; ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios