Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 24:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Saa da no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfo ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Saa ɛda no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfoɔ ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛda no, AWURADE bɛtwe ɔsoro dɔm aso, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 24:21
23 Referencias Cruzadas  

Ɔhu atumfoɔ home gu, ne ho yɛ asase so ahemfo hu.


Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho, ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;


Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;


Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto.


Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo a wɔn ahemfo di wɔn anim.


Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!


Mpaperɛ so na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Na AWURADE kum afɔdeɛ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios