Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 23:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Monhwɛ Babiloniafo asase no saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no! Asiriafo ayɛ no baabi a nweatam so mmoa te; wosisii wɔn anotua aban bebree, wodwiriw nʼaban gui ma ɛdan nnwiriwii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no, saa nnipa a seesei wɔnka hwee no! Asiriafoɔ ayɛ no beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ; wɔsisii wɔn ntua aban bebree, wɔdwirii nʼaban guiɛ ma ɛdanee mmubuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 23:13
23 Referencias Cruzadas  

Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.


Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Enti na wɔfrɛ hɔ Babel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.


Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri, ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.


Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu.


Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.


Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakukum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim, na n’atamfo atafere mfuturo.


A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!


Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene, na n’akoma nsusu no saa, na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.


Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no.


na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ, na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na nsasabonsam asa hɔnom;


wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.


Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.


Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko,


Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho.


ɔhene no kaa sɛ: Ɛnyɛ Babel kɛseɛ a makyekyere mayɛ ahennie gyinabea, me tumi denyɛ so na m’animuonyam agye no ni anaa?


Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafoɔ, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnante fa asase so nyinaa fa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea di soɔ.


Ɛnna ɔfirii Kaldeafoɔ asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wuo akyiri no, ɔmaa no firii hɔ bɛtenaa asase yi a mote soɔ nnɛ yi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios