Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo da wɔ ha, worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 22:16
10 Referencias Cruzadas  

M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra.


Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.


Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.


me ne ahemfo ne asase so afotufoɔ a wɔkyekyeree amamfo faeɛ no,


Amanaman ahemfo nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu, obiara da ne damena mu;


na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.


Hwɛ, AWURADE bɛto wo ɔbrane toɔ atwene, na ɔbɛsɔ wo mu denden,


Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.


Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, efiguo a ɛde sɛeɛ a ɛso ba no nti.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios