Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 22:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ; wokunkum anantwi ne nguan; wɔwe nam na wɔbow nsa! Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ, ɔkyena yebewu!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ; wokunkum anantwie ne nnwan; wowe ɛnam na woboro nsã! Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye, anantwi menetwa ne nguan kum, namdi ne nsanom ni: Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 22:13
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.


Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia.


Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya.


Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di mmorosa akyire, wɔn a wɔsiri pɛ ma nsa bo wɔn!


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Wɔnnue, nsanom mu akatakyie ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.


Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.


Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu!


Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwie, na moayɛne mo akoma sɛ okum da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios