Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 22:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 22:11
15 Referencias Cruzadas  

Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.


Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.


na mayi Yerusalem sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.


Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.


Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;


na mokan Yerusalem adan, na modwirii adan no, sɛ mode rewowa ɔfasuo no;


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Wonteeɛ sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama no aba mu, sɛ ma afasuo mu nkuro no nnanedane akurofo akuakuo,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,


Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.


Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe.


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios