Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔto pono no, wɔsesɛ kuntu akɛtɛ, wɔdidi na wɔnom. O Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Wɔto pono no, wɔsesɛ kuntu akɛtɛ, wɔdidi na wɔnom. O Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔto pon, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam, wodidi, na wɔnom! Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo, momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔtow pon, wɔsesɛw nkuntu akɛtɛ, wodidi na wɔnom. Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 21:5
12 Referencias Cruzadas  

Mo Gilboa mmepɔ, wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so, na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so, na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene, Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.


Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.


Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm, na montu sa.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono, na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyane, AWURADE asɛm nie.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.


Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios