Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔwɛmfoɔ no se: Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba; sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɔwɛmfoɔ no se: Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba; sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔwɛmfo no bua se, “Ade rekye, nanso ade bɛsa. Sɛ wubebisa bio a san bra bebisa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔwɛmfo no se: Ade rekye, na adesae nso reba; sɛ mubebisa a, mummisa, monsan mmra.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 21:12
16 Referencias Cruzadas  

Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba; adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio: Yei ne yɛn dwotwafoɔ, kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.


Duma ho atemmusɛm nie: Obi bɔn me firi Seir sɛ: Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?


Arabia ho atemmusɛm nie: Dedanim akwantemfoɔ asafo, Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Monkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wɔnsiane nkɔ okum mu. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da, wɔn asotwe berɛ adu.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba; deɛ wɔahyɛ no refifi, aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.


Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;


Obadia anisoadehunu nie. Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho: Yɛate AWURADE anomu asɛm sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios