Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 21:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Duma ho atemmusɛm nie: Obi bɔn me firi Seir sɛ: Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Duma ho atemmusɛm nie: Obi bɔn me firi Seir sɛ: Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Adehu a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me fi Seir, “Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ? Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Duma ho atemmusɛm ni: Obi bɔn me fi Seir sɛ: Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛmfo, anadwo mu dasu bɛn ni?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 21:11
24 Referencias Cruzadas  

Na Yakob tuu abɔfoɔ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wiram.


Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W’akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abɛduru sɛsɛɛ.


Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,


O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so!


Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me: Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?


Ɔwɛmfoɔ no se: Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba; sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.


Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ, deɛ ɔbɛhunu no, ma ɔnka.


Na Ɔhene Sedekia soma maa wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam, ne fie sɛ: AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ɔse: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.


Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ: Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no. Nanso wɔse: Yɛrentie.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Edom atɔ Yuda fie so were na wɔadi so pa ara, na wanhunu wɔn mmɔbɔ nti,


Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.


Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n’atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara.


mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.


Arab ne Duma ne Esan,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios