Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 20:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asaria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 20:6
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.


wɔn ani wuu sɛ wɔde wɔn ani too soɔ, wɔkɔduruu ho, na wɔn anim guu ase.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;


Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohiahia berɛ ma Yakob. Nanso wɔbɛfiri emu hɔ ara agye no nkwa.


Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi, worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho, na wode adubire keka w’ani yi? Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔrepɛ wo aku wo.


ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios