Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 na ahoni no bɛyera korakora.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 na ahoni no bɛyera korakora.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na abosonhuhuw no betu ayera koraa.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 2:18
16 Referencias Cruzadas  

Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.


Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


Bel butu, Nebo koto; akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni; wɔakyekyere mo nnesoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.


Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


wɔyɛ ahuhudeɛ nko, nnadaa adwuma, wɔn asotwe berɛ mu no, wɔbɛyera.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.


Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.


na mɛtwitwa w’ahoni ne w’adum afiri wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios