Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 19:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɛda no, ɔtempɔn bɛda afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misraimfo akɔ Asiria, na Misraimfo ne Asiriafo abom asom.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 19:23
15 Referencias Cruzadas  

Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a, yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.


Ɛda no, Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa ayɛ nhyira, asase mfimfini,


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.


Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn.


Saa na AWURADE, Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no, deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ: Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakoto asɔre, ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.


Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa.


Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ.


Ɛda no na wɔbɛfiri Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn, na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano, afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios