Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 19:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Asase no adum bɛbubu na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Asase no adum bɛbubu na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Asase no adum bebubu na apaadifo nyinaa werɛ ahow.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 19:10
5 Referencias Cruzadas  

Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, na wɔayeyɛ mosomosoo.


Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a, ɔteneneeni bɛyɛ dɛn?


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na tene wo nsa wɔ Misraim nsuo so, wɔn nsubɔntene, wɔn asuasu ne wɔn ntareɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnanedane mogya; na mogya bɛba Misraim asase nyinaa so, nnua ne aboɔ nsuhina mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no, na tene wo nsa wɔ nsubɔntene, asuasu, ne ntareɛ so, na ma mponkyerɛne mmra Misraim asase nyinaa so.


Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ a woguu w’aba na wode wo nan guguu so nsuo sɛ ɛfan turo mu no;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios