Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 18:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo AWURADE wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha de rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenae a ɛne Sion bepɔw no so.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 18:7
17 Referencias Cruzadas  

Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.


Asase so ahennie, monto Onyankopɔn dwom, monto dwom mma AWURADE.


Momfa nnwammaa mfiri Sela mfa anwea pradada so fam nkɔ Sion babaa bepɔ no so nkɔma asase no sodifoɔ no.


Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.


Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.


Sɔre, pore, Sion babaa, na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ, na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ, na wode adwerɛ aman pii dukuduku, na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE, ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.


Wɔn ho yɛ ahomete ne hu, wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ.


Etiopia nsubɔntene agya no ho na me nkurɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no bɛfiri de m’aduane ayɛyɛdeɛ abrɛ me.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios