Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa a wokum mmoa we ne wuram mmoa; nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu. Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa; nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu. Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 wobegyaw ne nyinaa ama mmepɔw so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bedi so ahohurubere, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔwbere.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 18:6
12 Referencias Cruzadas  

na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.


Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.


Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma no aba mu; madwene, na mɛyɛ.


Wiram mmoadoma nyinaa, mommra mmɛdidi hamham, kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa.


Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.


Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane.


Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, a wɔrennya obi rempam wɔn.


Na dutan a ɛda fam no so na na ewiem nnomaa nyinaa sisie, na ne mman akɛseɛ no so na na wiram mmoa nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios