Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛda no na ne nkurow a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifo ne Amorifo nkurow a wɔagyaw wɔ kwae mu ne mmepɔw atifi a wogyawee wɔ Israelfo anim no, na ayeyɛ akurofo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 17:9
16 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;


na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.


Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.


Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa;


Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so, na wonenam wɔn agyinatuo mu, deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ, na woasoa me man ahohora.


Na asase no bɛdane amamfo, ɛsofoɔ no nti, wɔn nneyɛɛ so aba no nti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios